Scripture
Nnwom 50
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 50 Bible text
Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.
Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.
Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ,“Adɛn enti na moka me mmara ho asɛmna mʼapam da mo ano?
Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee,enti mosusu sɛ mete sɛ mo.Nanso mɛka mo animna mede mo soboɔ asi mo anim.
“Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn,anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;
Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,na ɔsiesie ɛkwansɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.”Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.