Scripture
Nnwom 49
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 49 Bible text
Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu;saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuona wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.
Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ.Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu,wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.
Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu,na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane.Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa;wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu,na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware.