Scripture
Nnwom 4
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 4 Bible text
Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so,Ao, me tenenee Onyankopɔn.Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu;hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.
Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora?Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?
Nnipa bebree bisa sɛ:“Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?”Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu,ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade,na woma metena asomdwoeɛ mu.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.