Skip to main content

Scripture

Nnwom 46

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 46 Bible text

ASCB: 1ASCB

Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.

ASCB: 2ASCB

Enti sɛ asase ani dane butuna mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,

ASCB: 3ASCB

sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuruna ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.

ASCB: 4ASCB

Asutene bi wɔ hɔ ane nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.

ASCB: 5ASCB

Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

ASCB: 6ASCB

Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;ɔma ne nne so ma asase nane.

ASCB: 7ASCB

Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho.Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

ASCB: 8ASCB

Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.

ASCB: 9ASCB

Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea;ɔde ogya hye nkataboɔ.

ASCB: 10ASCB

Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,wɔbɛma me so wɔ asase so.

ASCB: 11ASCB

Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho;Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.