Skip to main content

Scripture

Nnwom 47

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 47 Bible text

ASCB: 1ASCB

Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.

ASCB: 2ASCB

Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

ASCB: 3ASCB

Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.

ASCB: 4ASCB

Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.

ASCB: 5ASCB

Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

ASCB: 6ASCB

To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.

ASCB: 7ASCB

Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene.Monto ahurisie nnwom mma no.

ASCB: 8ASCB

Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no soOnyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.

ASCB: 9ASCB

Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho anosɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea;na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.