Scripture
Nnwom 45
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 45 Bible text
Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakomaɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.
Wodi mu wɔ mmarima muna wɔde adom bi asra wʼano,ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.
Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie sowɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.
Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa;tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.
Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.
Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho muma wʼani gye.
Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyina wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.
Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu;ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.