Scripture
Nnwom 44
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 44 Bible text
Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so,wɔ tete mmerɛ no mu.
Wode wo nsa pamoo amanaman nona wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ;wodwerɛɛ nnipa nona womaa yɛn agyanom dii yie.
Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie;ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.
Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ,animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti.
Sɔre bɛboa yɛn;wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn.Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.