Skip to main content

Scripture

Nnwom 43

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 43 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, bu me bem,na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me;gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.

ASCB: 2ASCB

Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden.Adɛn enti na woapo me?Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwomʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?

ASCB: 3ASCB

Soma wo hann ne wo nokorɛma wɔn nkyerɛ me ɛkwan;ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so,faako a woteɛ hɔ.

ASCB: 4ASCB

Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia animmʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn.Mede sankuo bɛyi wo ayɛ,Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.

ASCB: 5ASCB

Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.