Skip to main content

Scripture

Nnwom 42

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 42 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.

ASCB: 2ASCB

Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?

ASCB: 3ASCB

Me nisuo ayɛ mʼaduaneawia ne anadwo,na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ:“Wo Onyankopɔn wɔ he?”

ASCB: 4ASCB

Saa nneɛma yi na mekaeɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;sɛdeɛ na medi asafokuo anim,na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwomnante yuu bom kɔ Onyankopɔn fiewɔ afahyɛ da.

ASCB: 5ASCB

Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

ASCB: 6ASCB

Me kra aboto wɔ me muenti mɛkae wofiri Yordan asase so,Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.

ASCB: 7ASCB

Ebunu kɔ ebunu muwɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;wʼasorɔkye nyinaaabu afa me so.

ASCB: 8ASCB

Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.

ASCB: 9ASCB

Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”

ASCB: 10ASCB

Me nnompe te yea sɛ ɔdasani.Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,daa nyinaa wɔbisa me sɛ,“Wo Onyankopɔn wɔ he?”

ASCB: 11ASCB

Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.