Skip to main content

Scripture

Nnwom 36

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 36 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma soa ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.Wɔnnsuro Onyankopɔn.

ASCB: 2ASCB

Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodoenti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.

ASCB: 3ASCB

Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.

ASCB: 4ASCB

Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwanna ɔmpo deɛ ɛnyɛ.

ASCB: 5ASCB

Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosorowo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.

ASCB: 6ASCB

Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

ASCB: 7ASCB

Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!Nnipa mu akɛseɛ ne nketewanya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

ASCB: 8ASCB

Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fiewoma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.

ASCB: 9ASCB

Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;wo hann mu na yɛhunu hann.

ASCB: 10ASCB

Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.

ASCB: 11ASCB

Mma ɔhantanni nan ntia meanaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.

ASCB: 12ASCB

Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.