Skip to main content

Scripture

Nnwom 35

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 35 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie;ko tia wɔn a wɔko tia me.

ASCB: 2ASCB

Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu;na sɔre bra bɛboa me.

ASCB: 3ASCB

Twe pea ne abonnuawɔ wɔn a wɔtaa me soka kyerɛ me kra sɛ,“Mene wʼagyenkwa.”

ASCB: 4ASCB

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me noma wɔn anim ngu ase;wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ noma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

ASCB: 5ASCB

Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guowɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.

ASCB: 6ASCB

Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro,na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.

ASCB: 7ASCB

Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwana wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti

ASCB: 8ASCB

ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn muna atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.

ASCB: 9ASCB

Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade muna wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.

ASCB: 10ASCB

Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ,“Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade?Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsamne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”

ASCB: 11ASCB

Adansekurumfoɔ sɔre;wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.

ASCB: 12ASCB

Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so kana wɔma me kra yɛ basaa.

ASCB: 13ASCB

Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitomana mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,

ASCB: 14ASCB

mekɔɔ so twaa adwosɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.Mede awerɛhoɔ sii me ti asete sɛ deɛ meregyam me maame.

ASCB: 15ASCB

Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennimna wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.

ASCB: 16ASCB

Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;wɔtwɛree wɔn se guu me so.

ASCB: 17ASCB

Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.

ASCB: 18ASCB

Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.

ASCB: 19ASCB

Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa nonhwɛ me haa nsere.Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me nommfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.

ASCB: 20ASCB

Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,na mmom, wɔde ntwatosoɔtia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.

ASCB: 21ASCB

Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane,yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”

ASCB: 22ASCB

Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano.Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.

ASCB: 23ASCB

Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban!Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.

ASCB: 24ASCB

Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn;mma wɔn nhwɛ me haa nsere.

ASCB: 25ASCB

Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!”anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”

ASCB: 26ASCB

Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu nonyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm nonhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.

ASCB: 27ASCB

Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho nomfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteamɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so,ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”

ASCB: 28ASCB

Me tɛkrɛma bɛka wo teneneene wʼayɛyie da mu nyinaa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.