Scripture
Nnwom 37
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 37 Bible text
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.
Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie hoɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
Amumuyɛfoɔ twe akofenana wɔkuntunu wɔn tadua musɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ,sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.
Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren;wɔbɛtu ayera sɛ wisie.
Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so,na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.
Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa,na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyianaasɛ ne mma resrɛ aduane.
Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene,na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no.Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaaNanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.
Montwɛn Awuradena monhwɛ nʼakwan.Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.
Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn;ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa,ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu.