Skip to main content

Scripture

Nnwom 34

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 34 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mede aseda bɛma Awurade berɛ nyinaa;nʼayɛyie wɔ mʼanom daa.

ASCB: 2ASCB

Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie.

ASCB: 3ASCB

Mo ne me nkamfo Awurade;momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!

ASCB: 4ASCB

Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so;na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu.

ASCB: 5ASCB

Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛnna wɔn anim rengu ase da.

ASCB: 6ASCB

Ohiani yi frɛeɛ, na Awurade tiee no;na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu.

ASCB: 7ASCB

Awurade ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no,na ɔgye wɔn.

ASCB: 8ASCB

Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ.Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.

ASCB: 9ASCB

Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ,na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee.

ASCB: 10ASCB

Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn,nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn.

ASCB: 11ASCB

Mommra, me mma, monyɛ aso mma me;mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.

ASCB: 12ASCB

Mo mu hwan na ɔpɛ nkwana ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?

ASCB: 13ASCB

Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.

ASCB: 14ASCB

Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa;hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.

ASCB: 15ASCB

Awurade ani wɔ ateneneefoɔ sona ɔtie wɔn mpaeɛbɔ;

ASCB: 16ASCB

Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne,sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so.

ASCB: 17ASCB

Ateneneefoɔ team su, na Awurade tie wɔn;ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu.

ASCB: 18ASCB

Awurade bɛn wɔn a wɔapa abana ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa.

ASCB: 19ASCB

Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebreenanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu;

ASCB: 20ASCB

ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban,sɛdeɛ emu baako mpo mmu.

ASCB: 21ASCB

Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ;ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo.

ASCB: 22ASCB

Awurade gye nʼasomfoɔ nkwa;wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu.