Scripture
Nnwom 31
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 31 Bible text
Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehununa wonim me kra mu haw.
Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me;awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuuɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.
Ateeteeɛ rete me nkwa sona abooboo te me mfeɛ so;ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ famna me nnompe nso ahodwo.
Mʼatamfoɔ nyinaa enti,mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;nnipa a wɔnim me suro me,na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
Mete dodoɔ no nsekuro.Ahunahuna atwa me ho ahyia.Wɔrepam me tiri sona wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu asena wɔnna wɔn damena mu komm.
Wo papayɛ dɔɔso,ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ nowɔ nnipa anim.
Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mufiri nnipa nsusuiɛ bɔne ho;wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoofiri tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
Ayɛyi nka Awurade!Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ meɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:“Woayi wʼani me so!”Nanso wotee me mmɔborɔ suɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so,na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.