Scripture
Nnwom 32
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 32 Bible text
Awia ne anadwowo nsa yɛɛ den wɔ me so;mʼahoɔden saeɛsɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
Afei, megyee me bɔne too mu.Mankata mʼamumuyɛ so.Mekaa sɛ, “Mɛkame bɔne akyerɛ Awurade,”na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.
Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛɛberɛ a wɔhunu woɔ;ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,ɛrenka no.
Wone me hintabea;wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu muna wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.
Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ aɔnni nteaseɛ entiwɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane nosɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso,nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no,ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ;monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.