Skip to main content

Scripture

Nnwom 30

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 30 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mema wo so, Ao Awurade,ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu muna woamma mʼatamfoɔ ansere me.

ASCB: 2ASCB

Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa mena wosaa me yadeɛ.

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, woyii me firii damena mu;wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu.

ASCB: 4ASCB

Monto ayɛyie nnwom mma Awurade;mo a moyɛ nʼahotefoɔ!Monkamfo ne din kronkron no.

ASCB: 5ASCB

Nʼabufuo nkyɛre,na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo,nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.

ASCB: 6ASCB

Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ,“Merenhinhim da.”

ASCB: 7ASCB

Ao Awurade, woyɛɛ me adom nowomaa me bepɔ gyinaa pintinnna wode wʼanim hintaa me no,me bo tuiɛ.

ASCB: 8ASCB

Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ;wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:

ASCB: 9ASCB

“Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho,sɛ mɛkɔ amena mu?Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa?Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?

ASCB: 10ASCB

Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ!Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”

ASCB: 11ASCB

Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa;woyii mʼayitoma firii me hona wode anigyeɛ firaa me,

ASCB: 12ASCB

sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.