Skip to main content

Scripture

Nnwom 29

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 29 Bible text

ASCB: 1ASCB

Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

ASCB: 2ASCB

Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.

ASCB: 3ASCB

Awurade nne wɔ nsuo no so;animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.

ASCB: 4ASCB

Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam.

ASCB: 5ASCB

Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.

ASCB: 6ASCB

Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.

ASCB: 7ASCB

Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre

ASCB: 8ASCB

Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ.

ASCB: 9ASCB

Awurade nne kyinkyim adumna ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,“Animuonyam nka Onyankopɔn!”

ASCB: 10ASCB

Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.

ASCB: 11ASCB

Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.