Skip to main content

Scripture

Nnwom 28

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 28 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wo na mesu mefrɛ wo,Ao Awurade me Botan;nsi wʼaso wɔ me enti.Sɛ woyɛ komm a,mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.

ASCB: 2ASCB

Tie me mmɔborɔ suɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoaɛberɛ a mema me nsa sokyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.

ASCB: 3ASCB

Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔwɔn a wɔyɛ bɔne no.Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛnanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.

ASCB: 4ASCB

Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;wɔn adwuma bɔne no so;tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so kana fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.

ASCB: 5ASCB

Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,ɔbɛbrɛ wɔn asena ɔremma wɔnnsɔre bio.

ASCB: 6ASCB

Ayɛyie nka Awurade,ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.

ASCB: 7ASCB

Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.Mʼakoma di ahurisiena mede dwomtoɔ bɛda no ase.

ASCB: 8ASCB

Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.

ASCB: 9ASCB

Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ;yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.