Scripture
Nnwom 27
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 27 Bible text
Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;hwan na mensuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden,na hwan anim na me ho mpopoɔ?
Sɛ nnipa bɔne toa mepɛ sɛ wɔkum me a,sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so awɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,mʼakoma rentu;mpo sɛ wɔtu me so sa a,ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.
Adeɛ baako na mebisa Awurade;na ɛno na mehwehwɛ;sɛ mɛtena Awurade fieme nkwa nna nyinaa,na mahwɛ Awurade ahoɔfɛna mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.
Wɔ hia ɛda mu noɔde me sie nʼatenaeɛ;ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.
Afei ɔbɛma me tiri sowɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so;mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu;na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
Mfa wʼanim nhinta me,mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔme ɔboafoɔ ne wo.Mpo me na nnya me,Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.