Skip to main content

Scripture

Nnwom 26

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 26 Bible text

ASCB: 1ASCB

Bu me bem, Ao Awurade,ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:mede me ho too Awurade sona manhinhim.

ASCB: 2ASCB

Sɔ me hwɛ, Ao Awurade,hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.

ASCB: 3ASCB

Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daana mɛnante wo nokorɛ mu.

ASCB: 4ASCB

Me ne nnaadaafoɔ ntenana me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.

ASCB: 5ASCB

Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔna mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.

ASCB: 6ASCB

Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,

ASCB: 7ASCB

na mepae mu ka wʼayɛyiena meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.

ASCB: 8ASCB

Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,baabi a wʼanimuonyam wɔ no.

ASCB: 9ASCB

Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ.Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,

ASCB: 10ASCB

wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsamna adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

ASCB: 11ASCB

Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ.Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

ASCB: 12ASCB

Me nan sisi asase tamaa so;na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.