Skip to main content

Scripture

Nnwom 18

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 18 Bible text

ASCB: 1ASCB

Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden.

ASCB: 2ASCB

Awurade ne me botantim;mʼaban ne me gyefoɔ;me Onyankopɔn ne me botanNe mu na menya me hintabea.Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden.

ASCB: 3ASCB

Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

ASCB: 4ASCB

Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so.

ASCB: 5ASCB

Damena nhoma kyekyeree me;owuo ankasa too me anihaa.

ASCB: 6ASCB

Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade.Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne;me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

ASCB: 7ASCB

Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ,na mmepɔ fapem wosoeɛwɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu.

ASCB: 8ASCB

Wisie firii ne hwene mu;ogyaframa firii nʼanom,na egyasramma dɛre firii mu.

ASCB: 9ASCB

Ɔfirii ɔsoro baa fam;na omununkum kabii duruu ne nan ase.

ASCB: 10ASCB

Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro;gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.

ASCB: 11ASCB

Ɔde sum kataa ne ho,osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.

ASCB: 12ASCB

Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ.

ASCB: 13ASCB

Awurade bobɔɔ mu firii soro;Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio.

ASCB: 14ASCB

Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ,ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn.

ASCB: 15ASCB

Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛna asase nnyinasoɔ ho daa hɔ,ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti,Ao Awurade.

ASCB: 16ASCB

Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.

ASCB: 17ASCB

Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam,wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.

ASCB: 18ASCB

Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,nanso Awurade pagyaa me.

ASCB: 19ASCB

Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ;ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me.

ASCB: 20ASCB

Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.

ASCB: 21ASCB

Manante Awurade akwan so.Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

ASCB: 22ASCB

Madi ne mmara nyinaa so:memmuu nʼahyɛdeɛ so.

ASCB: 23ASCB

Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,na matwe me ho afiri bɔne ho.

ASCB: 24ASCB

Awurade agyina me teneneeyɛne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka.

ASCB: 25ASCB

Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

ASCB: 26ASCB

Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn,na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn.

ASCB: 27ASCB

Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa,na wobrɛ ahantanfoɔ ase.

ASCB: 28ASCB

Ao Awurade, woyɛ me kanea.Aane, woma me sum dane hann.

ASCB: 29ASCB

Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.

ASCB: 30ASCB

Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn awɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.

ASCB: 31ASCB

Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.

ASCB: 32ASCB

Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,na ɔma me kwan yɛ pɛ.

ASCB: 33ASCB

Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ.Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.

ASCB: 34ASCB

Ɔsiesie me ma ɔko,na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.

ASCB: 35ASCB

Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me,na wo nsa nifa kura me.Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ.

ASCB: 36ASCB

Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nansɛdeɛ ɛrenwatiri.

ASCB: 37ASCB

Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn;mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn.

ASCB: 38ASCB

Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre,wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.

ASCB: 39ASCB

Wode akodie ahoɔden maa me;womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.

ASCB: 40ASCB

Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ,na mesɛe wɔn a wɔtan me.

ASCB: 41ASCB

Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn,wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.

ASCB: 42ASCB

Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo;me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ.

ASCB: 43ASCB

Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu,woayɛ me amanaman no ti;nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ.

ASCB: 44ASCB

Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me;ananafoɔ koto mʼanim.

ASCB: 45ASCB

Wɔn nyinaa botoboto;wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.

ASCB: 46ASCB

Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan!Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so!

ASCB: 47ASCB

Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me,ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,

ASCB: 48ASCB

ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so,wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam.

ASCB: 49ASCB

Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.Mɛto ayɛyie dwom ama wo din.

ASCB: 50ASCB

Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo,wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.