Skip to main content

Scripture

Nnwom 17

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 17 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;tie me sufrɛ.Yɛ aso ma me mpaeɛbɔdeɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

ASCB: 2ASCB

Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ.Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.

ASCB: 3ASCB

Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,wohwehwɛ me mu anadwo,na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.

ASCB: 4ASCB

Nnipa nneyɛɛ fam no,wʼanomu asɛm entimatwe me ho afiribasabasayɛfoɔ akwan ho.

ASCB: 5ASCB

Menam wʼakwan so daa;me nan nnwatiriiɛ.

ASCB: 6ASCB

Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔnna wobɛgye me so;yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.

ASCB: 7ASCB

Da wo dɔ nwanwasoɔ no adiwo a wode wo nsa nifagye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwafiri wɔn atamfoɔ nsam.

ASCB: 8ASCB

Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;fa me sie wo ntaban nwunu no ase

ASCB: 9ASCB

firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.

ASCB: 10ASCB

Wɔpirim wɔn akoma,na wɔkasa ahantan so.

ASCB: 11ASCB

Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

ASCB: 12ASCB

Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no,te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.

ASCB: 13ASCB

Sɔre, Ao Awurade!Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.

ASCB: 14ASCB

Ao Awurade fa wo nsagye me firi nnipa a wɔte sei nsamasase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu.Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;wɔn mmammarima wɔ bebree,na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.

ASCB: 15ASCB

Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.