Skip to main content

Scripture

Nnwom 19

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 19 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm!Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,

ASCB: 2ASCB

Ɛda biara, wɔkasa;anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.

ASCB: 3ASCB

Ɔkasa anaa nsɛm nnimna wɔnnte wɔn nne.

ASCB: 4ASCB

Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,

ASCB: 5ASCB

a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.

ASCB: 6ASCB

Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabina atwa ne ho akɔsi ano;biribiara nhinta ne hyeɛ.

ASCB: 7ASCB

Awurade mmara yɛ pɛ,ɛkanyane ɔkra no.Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.

ASCB: 8ASCB

Awurade ahyɛdeɛ tene;ɛma akoma mu anigyeɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;na ɛbue ani.

ASCB: 9ASCB

Awurade suro yɛ kronn,ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛna ne nyinaa tene.

ASCB: 10ASCB

Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔsene sikakɔkɔɔ amapa mpo;ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ,sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.

ASCB: 11ASCB

Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ,ɛsodie so akatua yɛ bebree.

ASCB: 12ASCB

Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ?Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.

ASCB: 13ASCB

Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho,na anhyɛ me so.Ɛno na ɛbɛma madi bem,a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho.

ASCB: 14ASCB

Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔnyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurademe Botan ne me Gyefoɔ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.