Skip to main content

Scripture

Nnwom 147

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 147 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade.Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn,ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!

ASCB: 2ASCB

Awurade kyekyere Yerusalem;Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.

ASCB: 3ASCB

Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛna ɔkyekyere wɔn akuro.

ASCB: 4ASCB

Ɔnim nsoromma no dodoɔna ɔde obiara din frɛ no.

ASCB: 5ASCB

Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ;yɛrente nʼase nwie.

ASCB: 6ASCB

Awurade wowa ahobrɛasefoɔna ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.

ASCB: 7ASCB

Monto aseda nnwom mma Awurade.Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

ASCB: 8ASCB

Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;ɔde osutɔ ma asasema ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.

ASCB: 9ASCB

Ɔma anantwie aduanena sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.

ASCB: 10ASCB

Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔna ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

ASCB: 11ASCB

Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.

ASCB: 12ASCB

Momma Awurade so, Ao Yerusalem;kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,

ASCB: 13ASCB

ɔma wʼapono akyi adaban yɛ denna ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.

ASCB: 14ASCB

Ɔma wʼahyeɛ so dwona ɔde ayuo amapa ma wo.

ASCB: 15ASCB

Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so;nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

ASCB: 16ASCB

Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.

ASCB: 17ASCB

Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?

ASCB: 18ASCB

Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.

ASCB: 19ASCB

Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

ASCB: 20ASCB

Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;wɔnnim ne mmara.Monkamfo Awurade!