Skip to main content

Scripture

Nnwom 146

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 146 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade.Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

ASCB: 2ASCB

Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa;mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.

ASCB: 3ASCB

Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.

ASCB: 4ASCB

Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu,saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.

ASCB: 5ASCB

Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn,deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.

ASCB: 6ASCB

Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ,ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.

ASCB: 7ASCB

Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ,

ASCB: 8ASCB

Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ. Awurade pagya wɔn a wɔakom. Awurade dɔ teneneefoɔ.

ASCB: 9ASCB

Awurade hwɛ ahɔhoɔ sona ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ,na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.

ASCB: 10ASCB

Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa,wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.Monkamfo Awurade.