Skip to main content

Scripture

Nnwom 148

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 148 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

ASCB: 2ASCB

Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

ASCB: 3ASCB

Owia ne ɔsrane, monkamfo no,nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.

ASCB: 4ASCB

Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsorone mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.

ASCB: 5ASCB

Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.

ASCB: 6ASCB

Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.

ASCB: 7ASCB

Monkamfo Awurade mfiri asase so,mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,

ASCB: 8ASCB

anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,

ASCB: 9ASCB

mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,

ASCB: 10ASCB

wira mu mmoa ne anantwie,abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,

ASCB: 11ASCB

asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,

ASCB: 12ASCB

mmeranteɛ ne mmabaawammasiriwa ne mmɔfra nso.

ASCB: 13ASCB

Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sene edin biara;nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

ASCB: 14ASCB

Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ,ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam,Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no.Monkamfo Awurade.