Skip to main content

Scripture

Nnwom 140

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 140 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam;bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,

ASCB: 2ASCB

wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma muna wɔhwanyane ɔko mu da biara.

ASCB: 3ASCB

Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ;ananka borɔ wɔ wɔn ano.

ASCB: 4ASCB

Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam;bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ awɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.

ASCB: 5ASCB

Ahantanfoɔ asum me afidie;wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu,wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.

ASCB: 6ASCB

Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.”Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

ASCB: 7ASCB

Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ awobɔ me tiri ban ɔko da,

ASCB: 8ASCB

nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

ASCB: 9ASCB

Wɔatwa me ho ahyia,nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

ASCB: 10ASCB

Ma nnyasrama ngu wɔn so;ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.

ASCB: 11ASCB

Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.

ASCB: 12ASCB

Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛnteneneena ɔka onnibie asɛm ma no.

ASCB: 13ASCB

Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo dinna wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.