Skip to main content

Scripture

Nnwom 139

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 139 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, woahwehwɛ me muna woahunu me.

ASCB: 2ASCB

Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

ASCB: 3ASCB

Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;wonim mʼakwan nyinaa.

ASCB: 4ASCB

Ansa na mɛbue mʼano akasa noAo Awurade, na wonim ne nyinaa dada.

ASCB: 5ASCB

Woatwa me ho nyinaa ahyiana wobɔ me ho ban.

ASCB: 6ASCB

Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,ɛyɛ me nwanwa dodo.

ASCB: 7ASCB

Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

ASCB: 8ASCB

Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.

ASCB: 9ASCB

Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tuna mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,

ASCB: 10ASCB

mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.

ASCB: 11ASCB

Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me sona hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”

ASCB: 12ASCB

esum mpo nnyɛ sum mma wo;na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;esum ne hann yɛ wo pɛ.

ASCB: 13ASCB

Na wo na wobɔɔ me honhomwonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.

ASCB: 14ASCB

Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.Wo nnwuma yɛ nwanwa.Menim ɛno yie pa ara.

ASCB: 15ASCB

Wɔamfa me bɔberɛ anhinta woɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,

ASCB: 16ASCB

wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.Nna dodoɔ a woatwa ama me no,wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma muansa na emu baako reba mu.

ASCB: 17ASCB

Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!

ASCB: 18ASCB

Sɛ mese mɛkan a,ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,sɛ menyane a,me ne wo wɔ hɔ ara.

ASCB: 19ASCB

Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

ASCB: 20ASCB

Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.

ASCB: 21ASCB

Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

ASCB: 22ASCB

Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.

ASCB: 23ASCB

Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.

ASCB: 24ASCB

Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.