Scripture
Nnwom 141
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 141 Bible text
Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho,na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi;mma me ne abɔnefoɔnni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.
Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ;ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo.Me tiri rempo.Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.
Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam;na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.
Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no,saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.”