Skip to main content

Scripture

Nnwom 138

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 138 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

ASCB: 2ASCB

Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wona makamfo wo dinwɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie entiɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm noasene nneɛma nyinaa.

ASCB: 3ASCB

Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

ASCB: 4ASCB

Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm ama wɔn nkamfo wo.

ASCB: 5ASCB

Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

ASCB: 6ASCB

Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

ASCB: 7ASCB

Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,nanso wobɔ me nkwa ho ban;wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

ASCB: 8ASCB

Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.