Skip to main content

Scripture

Nnwom 137

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 137 Bible text

ASCB: 1ASCB

Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛɛberɛ a yɛkaee Sion no.

ASCB: 2ASCB

Ɛhɔ nsukakye nnua sona yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,

ASCB: 3ASCB

ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom,yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom;wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”

ASCB: 4ASCB

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwomɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?

ASCB: 5ASCB

Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo ama me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.

ASCB: 6ASCB

Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a,ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.

ASCB: 7ASCB

Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛwɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no.Wɔteam sɛ, “Monnwiri,monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!”

ASCB: 8ASCB

Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo,nhyira nka deɛ ɔtua wo kawɔ deɛ wode ayɛ yɛn so.

ASCB: 9ASCB

Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaade wɔn bobɔɔ abotan so.