Skip to main content

Scripture

Nnwom 136

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 136 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monna Awurade ase na ɔyɛ.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 2ASCB

Monna anyame mu Onyankopɔn ase.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 3ASCB

Monna awuranom mu Awurade no ase.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 4ASCB

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 5ASCB

Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 6ASCB

Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 7ASCB

Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 8ASCB

Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 9ASCB

Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 10ASCB

Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan,Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 11ASCB

na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 12ASCB

Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 13ASCB

Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no,Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 14ASCB

na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 15ASCB

Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 16ASCB

Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 17ASCB

Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no,Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 18ASCB

na ɔkumm ahemfo akunini no.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 19ASCB

Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon,Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 20ASCB

ne Basanhene, Og.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 21ASCB

Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 22ASCB

Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 23ASCB

Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 24ASCB

Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 25ASCB

Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 26ASCB

Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.