Skip to main content

Scripture

Nnwom 135

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 135 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade.Monkamfo Awurade din;monkamfo no, mo Awurade asomfoɔ,

ASCB: 2ASCB

mo a mosom wɔ Awurade fie,wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie.

ASCB: 3ASCB

Monkamfo Awurade ɛfiri sɛ ɔyɛ;monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

ASCB: 4ASCB

Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ,wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.

ASCB: 5ASCB

Menim sɛ Awurade so;Ɔso sene anyame nyinaa.

ASCB: 6ASCB

Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara,wɔ ɔsoro ne asase so,ɛpo ne emu abunu nyinaa.

ASCB: 7ASCB

Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba;ɔsoma anyinam ka osutɔ hona ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu.

ASCB: 8ASCB

Ɔkumm Misraim mmakan,nnipa ne mmoa mmakan.

ASCB: 9ASCB

Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim,de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa.

ASCB: 10ASCB

Ɔsɛee amanaman piina ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ,

ASCB: 11ASCB

Amorifoɔ ɔhene, SihonBasan ɔhene, Ogne Kanaan ahemfo nyinaa,

ASCB: 12ASCB

na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ;ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ.

ASCB: 13ASCB

Ao Awurade, wo din wɔ hɔ daa.Ao Awurade wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

ASCB: 14ASCB

Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔna ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ.

ASCB: 15ASCB

Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔa wɔde onipa nsa na ayɛ.

ASCB: 16ASCB

Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa,wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

ASCB: 17ASCB

wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,na ahomeɛ nso nni wɔn anom.

ASCB: 18ASCB

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

ASCB: 19ASCB

Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ;monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ;

ASCB: 20ASCB

monkamfo Awurade, Ao Lewi fiefoɔ;monkamfo Awurade, mo a mosuro no.

ASCB: 21ASCB

Momfiri Sion nkamfo Awurade,monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no.Monkamfo Awurade.