Scripture
Nnwom 13
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 13 Bible text
ASCB: 1ASCB
Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?
ASCB: 2ASCB
Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛna awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
ASCB: 3ASCB
Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn.Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.
ASCB: 4ASCB
Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.”Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.