Scripture
Nnwom 14
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 14 Bible text
Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fina wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
Awurade firi ɔsoro hwɛadasammasɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.
Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane.Wɔnnsu mfrɛ Awurade?
Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!