Skip to main content

Scripture

Nnwom 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa;nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.

ASCB: 2ASCB

Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

ASCB: 3ASCB

Ma Awurade ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;

ASCB: 4ASCB

wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”

ASCB: 5ASCB

“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni none ohiani apenesie no enti,mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ.“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”

ASCB: 6ASCB

Awurade asɛm yɛ nokorɛte sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mprɛnson.

ASCB: 7ASCB

Ao Awurade, wobɛkora yɛnna woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,

ASCB: 8ASCB

abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.