Skip to main content

Scripture

Nnwom 125

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 125 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.

ASCB: 2ASCB

Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyiaseesei ne daa.

ASCB: 3ASCB

Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase awɔde ama teneneefoɔ so.Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔnam wɔn so bɛyɛ bɔne.

ASCB: 4ASCB

Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.

ASCB: 5ASCB

Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.Asomdwoeɛ nka Israel.