Skip to main content

Scripture

Nnwom 124

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 124 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,ma Israel nka.

ASCB: 2ASCB

Sɛ anka Awurade nni yɛn afaɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,

ASCB: 3ASCB

ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,anka wɔmenee yɛn anikann;

ASCB: 4ASCB

anka nsuyire no bu faa yɛn so,anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,

ASCB: 5ASCB

anka nsuo a ano yɛ den noafa yɛn kɔ.

ASCB: 6ASCB

Nkamfoɔ nka Awurade awɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.

ASCB: 7ASCB

Yɛadwane sɛ anomaaafiri afirisumfoɔ afidie mu;afidie no mu abubu,ama yɛanya ɛkwan adwane.

ASCB: 8ASCB

Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.