Skip to main content

Scripture

Nnwom 126

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 126 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.

ASCB: 2ASCB

Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,“Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”

ASCB: 3ASCB

Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛnna anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.

ASCB: 4ASCB

Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.

ASCB: 5ASCB

Wɔn a wɔdua no nisuo mu node anigyeɛ nnwom bɛtwa.

ASCB: 6ASCB

Deɛ ɔde osu firi adiena ɔsoa aba kɔdua no,ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane abaa ɔso nnɔbaeɛ afiafi.