Scripture
Nnwom 11
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 11 Bible text
Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.
Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma sosɛ wɔbɛto wɔ esum mude awɔ akoma mu ahotefoɔ.
Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu.
Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,ne kra kyiri wɔn.
Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛagu Amumuyɛfoɔ so;na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.
Awurade yɛ ɔteneneeni,na ɔpɛ atɛntenenee;wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so.