Skip to main content

Scripture

Nnwom 115

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 115 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛnna wo din na animuonyam nka,wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.

ASCB: 2ASCB

Adɛn enti na aman no bisa sɛ,“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”

ASCB: 3ASCB

Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro;deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.

ASCB: 4ASCB

Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ awɔde onipa nsa na ayɛ.

ASCB: 5ASCB

Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa;wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.

ASCB: 6ASCB

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.

ASCB: 7ASCB

Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante.Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.

ASCB: 8ASCB

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

ASCB: 9ASCB

Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

ASCB: 10ASCB

Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

ASCB: 11ASCB

Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

ASCB: 12ASCB

Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn:Ɔbɛhyira Israel fie,ɔbɛhyira Aaron fie

ASCB: 13ASCB

Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade,nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.

ASCB: 14ASCB

Awurade mma wʼase nnɔre,wo ne wo mma.

ASCB: 15ASCB

Awurade nhyira wo,ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

ASCB: 16ASCB

Ɔsorosoro yɛ Awurade dea,nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.

ASCB: 17ASCB

Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade,wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.

ASCB: 18ASCB

Yɛn na yɛma Awurade soɛnnɛ ne daa nyinaa.Monkamfo Awurade.