Skip to main content

Scripture

Nnwom 116

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 116 Bible text

ASCB: 1ASCB

Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.Ɔtee me mmɔborɔhunu su.

ASCB: 2ASCB

Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.

ASCB: 3ASCB

Owuo nhoma kyekyeree me,ɛda ho ahometeɛ baa me so,ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.

ASCB: 4ASCB

Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,“Ao Awurade, gye me nkwa!”

ASCB: 5ASCB

Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.

ASCB: 6ASCB

Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.

ASCB: 7ASCB

Nya abotɔyam bio, Ao me kra,ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.

ASCB: 8ASCB

Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;woamma mʼani amporo nisuo,na woamma me nan ansunti,

ASCB: 9ASCB

sɛ mɛnante Awurade animwɔ ateasefoɔ asase so.

ASCB: 10ASCB

Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”

ASCB: 11ASCB

Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”

ASCB: 12ASCB

Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade kawɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?

ASCB: 13ASCB

Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no sona mabɔ Awurade din.

ASCB: 14ASCB

Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa sowɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.

ASCB: 15ASCB

Nʼahotefoɔ wuoyɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.

ASCB: 16ASCB

Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.

ASCB: 17ASCB

Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wona mabɔ Awurade din.

ASCB: 18ASCB

Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no sowɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,

ASCB: 19ASCB

wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fiewɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.Monkamfo Awurade.