Skip to main content

Scripture

Nnwom 114

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 114 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim,na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,

ASCB: 2ASCB

Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbeana Israel bɛyɛɛ nʼahemman.

ASCB: 3ASCB

Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ,Yordan sanee nʼakyi;

ASCB: 4ASCB

Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennininkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa.

ASCB: 5ASCB

Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ,Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,

ASCB: 6ASCB

mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini,na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa?

ASCB: 7ASCB

Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,wɔ Yakob Onyankopɔn anim,

ASCB: 8ASCB

ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura,na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.