Skip to main content

Scripture

Nnwom 113

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 113 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade.Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no,monkamfo Awurade din.

ASCB: 2ASCB

Momma wɔnkamfo Awurade din,seesei ne daa nyinaa.

ASCB: 3ASCB

Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ,ma wɔnkamfo Awurade din.

ASCB: 4ASCB

Wɔama Awurade so aman nyinaa so,nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.

ASCB: 5ASCB

Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn,Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,

ASCB: 6ASCB

ɔno na ɔbɔ ne mu asehwɛ ɔsorosoro ne asase.

ASCB: 7ASCB

Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo muna ɔpagya onnibie firi nso sie so;

ASCB: 8ASCB

ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.

ASCB: 9ASCB

Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fiesɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.Monkamfo Awurade.