Skip to main content

Scripture

Nnwom 112

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 112 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade.Nhyira nka onipa a ɔsuro Awuradena ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.

ASCB: 2ASCB

Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so;teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.

ASCB: 3ASCB

Ahonya ne sika wɔ ne fie,na ne tenenee tena hɔ daa.

ASCB: 4ASCB

Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.

ASCB: 5ASCB

Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so.

ASCB: 6ASCB

Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;wɔbɛkae onipa tenenee daa.

ASCB: 7ASCB

Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.

ASCB: 8ASCB

Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.

ASCB: 9ASCB

Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,ne tenenee wɔ hɔ daa;wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.

ASCB: 10ASCB

Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,ɔbɛtwere ne se na wafɔn;omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.