Skip to main content

Scripture

Nnwom 111

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 111 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monkamfo Awurade!Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade sowɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.

ASCB: 2ASCB

Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ;wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.

ASCB: 3ASCB

Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam,na ne tenenee wɔ hɔ daa.

ASCB: 4ASCB

Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

ASCB: 5ASCB

Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;ɔkae nʼapam no daa.

ASCB: 6ASCB

Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.

ASCB: 7ASCB

Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ.

ASCB: 8ASCB

Ɛtim hɔ daa daa,nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.

ASCB: 9ASCB

Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

ASCB: 10ASCB

Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ;wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa.Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.