Scripture
Nnwom 10
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 10 Bible text
Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa?Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?
Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.
Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim;mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
Ɔte sɛ gyata a wahinta;ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.
Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ,“Ɔremfrɛ me akontabuo so?”
Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw;na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.Mmɔborɔni de ne ho ma wo;wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.
Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ;frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa,amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.
na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔsɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase sorenhunahuna obiara bio.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.