Skip to main content

Scripture

Nnwom 108

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 108 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam;mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom.

ASCB: 2ASCB

Monyane, sankuo ne bɛnta!Mɛnyane anɔpahema.

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu.

ASCB: 4ASCB

Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro;wo nokorɛdie duru ewiem.

ASCB: 5ASCB

Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.

ASCB: 6ASCB

Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

ASCB: 7ASCB

Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ,“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem muna masusu Sukot Bɔnhwa.

ASCB: 8ASCB

Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara;Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ,Yuda yɛ mʼahempoma.

ASCB: 9ASCB

Moab yɛ me dwaresɛn,Edom so na meto me mpaboa guo;Filistia so na mebɔ ose.”

ASCB: 10ASCB

Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?

ASCB: 11ASCB

Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn?Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa?

ASCB: 12ASCB

Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,na ɔdasani mmoa nka hwee.

ASCB: 13ASCB

Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.