Skip to main content

Scripture

Nnwom 107

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 107 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monna Awurade ase na ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

ASCB: 2ASCB

Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no,

ASCB: 3ASCB

wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no,ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ.

ASCB: 4ASCB

Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so,a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ.

ASCB: 5ASCB

Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔnna wɔtotɔɔ baha.

ASCB: 6ASCB

Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

ASCB: 7ASCB

Ɔde wɔn faa ɛkwan tee sobaa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu.

ASCB: 8ASCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

ASCB: 9ASCB

Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuona ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.

ASCB: 10ASCB

Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu,nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,

ASCB: 11ASCB

ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atuana wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa.

ASCB: 12ASCB

Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den;wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ.

ASCB: 13ASCB

Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

ASCB: 14ASCB

Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ muna ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

ASCB: 15ASCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

ASCB: 16ASCB

Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ aponona ɔtwitwa nnadeban mu.

ASCB: 17ASCB

Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ entina wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti.

ASCB: 18ASCB

Wɔkyirii aduane nyinaana wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano.

ASCB: 19ASCB

Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu muna ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

ASCB: 20ASCB

Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ;na ɔgyee wɔn firii ɛda mu.

ASCB: 21ASCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

ASCB: 22ASCB

Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛna wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.

ASCB: 23ASCB

Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so;wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so.

ASCB: 24ASCB

Wɔhunuu Awurade nnwuma,nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu.

ASCB: 25ASCB

Ɔkasaeɛ maa ahum tuina ɛkukuruu asorɔkye.

ASCB: 26ASCB

Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn;wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui.

ASCB: 27ASCB

Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ;na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio.

ASCB: 28ASCB

Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.

ASCB: 29ASCB

Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.

ASCB: 30ASCB

Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no,na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.

ASCB: 31ASCB

Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.

ASCB: 32ASCB

Wɔmma ne so wɔ asafo no muna wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.

ASCB: 33ASCB

Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ,asutene yɛɛ asase wesee,

ASCB: 34ASCB

na asasebereɛ danee nkyenenkyene,wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti.

ASCB: 35ASCB

Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwana nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu;

ASCB: 36ASCB

Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe,na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.

ASCB: 37ASCB

Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturona ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree.

ASCB: 38ASCB

Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ.Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.

ASCB: 39ASCB

Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛna nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase;

ASCB: 40ASCB

deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa noma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.

ASCB: 41ASCB

Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia muna ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo.

ASCB: 42ASCB

Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye,nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano.

ASCB: 43ASCB

Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom,na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.