Skip to main content

Scripture

Nnwom 109

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 109 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,mmua wʼano,

ASCB: 2ASCB

na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔatu wɔn ano agu me so;wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.

ASCB: 3ASCB

Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyiana wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.

ASCB: 4ASCB

Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.

ASCB: 5ASCB

Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.

ASCB: 6ASCB

Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;na Satan nnyina ne nsa nifa so.

ASCB: 7ASCB

Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ,na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.

ASCB: 8ASCB

Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.

ASCB: 9ASCB

Ma ne mma nyɛ nwisiaana ne yere nyɛ okunafoɔ.

ASCB: 10ASCB

Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.

ASCB: 11ASCB

Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.

ASCB: 12ASCB

Mma obiara nhunu no mmɔbɔMma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.

ASCB: 13ASCB

Ma nʼase nhye,na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.

ASCB: 14ASCB

Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.

ASCB: 15ASCB

Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.

ASCB: 16ASCB

Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,na mmom ɔtaa ahiafoɔmmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.

ASCB: 17ASCB

Nʼani gyee sɛ ɔbɛdomeenti nnome mmra ne so;wampɛ sɛ ɔbɛhyiraenti nhyira mmɔ no.

ASCB: 18ASCB

Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo,ne ne nnompe mu sɛ ngo.

ASCB: 19ASCB

Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.

ASCB: 20ASCB

Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

ASCB: 21ASCB

Nanso, wo Ao Asafo Awurade,wo din enti, wo ne me nni no yie;firi wʼadɔeɛ mu gye me.

ASCB: 22ASCB

Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.

ASCB: 23ASCB

Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma;wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.

ASCB: 24ASCB

Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;mafɔn na ama aka me nnompe.

ASCB: 25ASCB

Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.

ASCB: 26ASCB

Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.

ASCB: 27ASCB

Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,na wo na woayɛ, Ao Awurade.

ASCB: 28ASCB

Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.

ASCB: 29ASCB

Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.

ASCB: 30ASCB

Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.

ASCB: 31ASCB

Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa sosɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.